YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 7

7
Yerusalem amanehunu
1 # 2 Ah 15.37; 16.5 Na ɛbaa sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene berɛ so no, Siriahene Resin ne Israelhene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, na wɔantumi no. 2Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria ne Efraim ayɛ apam. Ɛnna n’akoma ne ne man akoma wosoeɛ, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim.
3Na AWURADE ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Firi kɔhyia Ahas, wo ne wo ba Sear-yasub,#7.3 SEAR-YASUB: Asekyerɛ ne sɛ: Nkaeɛ no bɛsan aba. wɔ atifi tadeɛ suka no a ɛkyerɛ ntomasifoɔ afuo tempɔn soɔ no ano, 4#Yes 30.15 na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti. 5Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ: 6Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔha no, na yɛnni so mfa, na yɛnsi Tabeel ba no hene wɔ mu, nti: 7Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛrennyina na ɛremma mu,
8na Siria tiri ne Damasko,
na Damasko tiri ne Resin.
(Na ɛha mfirinhyia aduosia nnum no, wɔbɛsɛe Efraim na anyɛ ɔman bio.)
9 # 2 Be 20.20 Efraim tiri ne Samaria,
na Samaria tiri ne Remalia ba no:
Sɛ morennye nni a,
nokorɛ morennyina.
Imanuel nsɛnkyerɛnneɛ
10Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ Ahas sɛ: 11Bisa AWURADE wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, ma no nsiane nkɔ sɛ Asamando, anaa ɛnkorɔn sɛ ɔsoro! 12Na Ahas se: Meremmisa, na merensɔ AWURADE menhwɛ. 13Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso? 14#Mika 5.3; Mat 1.23; Yes 8.8, 10; 9.6 Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel#7.14 Asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.. 15#Yes 7.21-22 Nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, berɛ a ɔhunu bɔne na ɔkyire, na papa na ɔfa no. 16#Yes 8.4 Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo.
Asotwe a ɛnam Asiriafoɔ so ba
17AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.
18Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no, 19na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so.
20Ɛda no ara na AWURADE de yiwan a wɔabɔ no paa Asuogya hɔnom a ɛne Asiriahene, no bɛyi etire ne nan ho nwi,#7.20 bɛyi … nan ho nwi: Asekyerɛ ne sɛ: Yi ase nwi. na ayi bɔgyesɛ nso.
21Na ɛda no, obi bɛyɛne nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi, 22na nufosuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ, na nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asase no soɔ nyinaa bɛdie.
23Na ɛbɛba sɛ ɛda no, baabiara a bobe apem a kane ɛdi nnwetɛbena apem wɔ no bɛdane nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko. 24Agyan ne tadua na wɔde bɛba hɔ, ɛfiri sɛ asase no nyinaa ayɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko; 25na mmepɔ a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyinaa no, nwerɛ ne nkasɛɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na wɔbɛgyaa anantwie akɔ so, na nnwan atiatia so.

Currently Selected:

Yesaia 7: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in