Hosea 7
7
1Meresa Israel yadeɛ yi,
na Efraim amumuyɛ ne Samaria
nnebɔne reda adi;
na wɔdi atorɔ,
na owifoɔ bubu ba mu,
akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.
2Na wɔnka no wɔn akoma mu
sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa;
afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia,
ɛgu m’anim.
3Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye,
na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.
4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,
te sɛ ɔfononoo a paanootoni
ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia
firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.
5 #
Hos 4.11
Yɛn hene afahyɛ da mu no,
nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ.
Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.
6Na wɔasiesie wɔn akoma sɛ fononoo, wɔn atirisopam no mu.
Wɔn paanootoni da anadwo nyinaa,
anɔpa ɛdɛre sɛ ogya framfram.
7Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo,
na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam;
wɔn ahemfo nyinaa totɔ.
Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.
Efraim ne aman ntam asɛm
8Efraim de ne ho fra aman mu;
Efraim yɛ ɔfam a wɔankusa.
9Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden,
nso ɔnnim;
ɛdwono nso ahura ne tirim,
nso ɔnnim.
10Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ,
na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn,
na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.
11 #
Hos 5.13; 12.1 Na Efraim adane sɛ aburuburo,
ɔkwasea a ɔnni ti;
wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.
12Wɔrekorɔ no, mɛtrɛ me ntentan mu makata wɔn so;
mɛduru wɔn sɛ ewiem nnomaa;
mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.
13 #
Dwom 81.13-14
Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me;
ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara;
na me deɛ, anka mɛgye wɔn,
nanso wɔdi me ho torɔ.
14Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu,
na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so;
ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ,
wɔte m’anim atua.
15Me deɛ, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den,
nanso ɛpɔ bɔne na wɔbɔ no me ho.
16 #
Dwom 78.57
Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoroni#7.16 ƆSOROSORONI: Deɛ Hebri no ka no mu nna hɔ papa. no nkyɛn,
wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ:
Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ,
nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti;
yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.
Currently Selected:
Hosea 7: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012

:
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012