Bible App logo
Search Icon

Hosea 6

6
Ahonu a ɛnyɛ
1 # Hos 5.14 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn,
na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ,
ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.
2 # Deut 32.39 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa,
da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre
na yɛanya n’anim nkwa.
3Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no.
Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ,
na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ,
sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.
4Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim?
Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?
Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum,
na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.
5 # Yer 23.29 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn,
na mede m’anomu nsɛm makum wɔn,
na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.
6 # 1 Sa 15.22; Mat 9.13; 12.7 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.
7 # Gye 3.6 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam,
ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.
8Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro
a mogya akeka mu.
9Na asɔfoɔ asafokuo no
te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa,
wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no;
aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.
10 # Hos 5.3 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie,
ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.
11 # Yoel 3.13; 3.1 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo,
berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.

Currently Selected:

Hosea 6: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in