Hosea 13
13
Wɔsɛe wɔ Nyankopɔn abufuo mu
1Efraim rekasa a, ɛyɛ hu;
ɔmaa ne ho so Israel mu,
ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.
2 #
Yes 44.12
Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne,
na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni
ne wɔn nhunumu ano adwinhoni;
ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ,
nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.
3 #
Hos 6.4; Dwom 1.4 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum
ne obosuo a ɛtua nhema korɔ,
sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea
ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.
4 #
Eks 20.2-3
Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn
de firi Misraim asase so,
na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko,
na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.
5 #
Hos 9.10
Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ,
sukɔm asase no so.
6 #
Deut 32.15
Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee,
wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so,
enti wɔn werɛ firii me.
7 #
Hos 5.14
Saa nti, meyɛɛ wɔn sɛ gyata,
metɛɛ ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ.
8Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma,
na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no,
na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ;
wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu.
9 #
Yer 2.17
Meyɛ wo boafoɔ deɛ,
nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!
10 #
1 Sa 8.5
Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu,
ne w’atemmufoɔ
a wokaa sɛ:
Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?
11Memaa wo ɔhene m’abufuo mu,
na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.
12Wɔakyekyere Efraim amumuyɛ,
wɔde ne bɔne asie.
13 #
Mika 4.10; Yes 37.3 Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no;
ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa,
sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina
deɛ mma fa mu siane hɔ.
14 #
1 Ko 15.54-55; 2 Ti 1.10; Adi 20.14; 21.4 Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa?
Mɛgye wɔn owuo mu anaa?
Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ?
Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ?
Ahonu ahunta afiri m’ani so.
15 #
Gye 49.22; Hos 4.19 Na ɔbɛso aba ne nuanom mu.
Apueeɛ ahum bɛtu,
AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ,
na n’asubura mu awe,
na ne nsuo aniwa to atwa;
na ɔbɛfom adekoradan mu
afɛfɛdeɛ nyinaa.
16Samaria tiri ato,
sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua;
afena ano na wɔbɛtotɔ;
wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ,
na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.
Currently Selected:
Hosea 13: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012