YouVersion Logo
Search Icon

Habakuk NHYƐNMU

NHYƐNMU
Odiyifoɔ Habakuk nwoma yi baeɛ wɔ ɛberɛ a na aka kakraa bi na mfeɛ ahanson ansa na wɔrewo Kristo (B.C.) no reba awieeɛ. Saa berɛ no na Babelfoɔ di tumi. Ɛhaa no yie mmerɛ a ɔhunuu saa nnipa yi atuateɛ ne wɔn atirimuɔden no, na ɔbisaa AWURADE sɛ: Adɛn nti woayɛ komm na wɔsɛe nnipa a wɔyɛ ateneneefoɔ sene wɔn? (1.13) Na AWURADE buaa no sɛ; mmerɛ a ɛsɛ mu no, wɔbɛhu ne tumi, na mmom, wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ no bɛtena ase ɛfiri sɛ wɔdi nokorɛ ma Onyankopɔn (2.4).
Nwoma no nkaeɛ hyɛ nkɔm sɛ: Onipa bɔnefoɔ bɛhunu amane, na ɔde dwom awie de akamfo Onyankopɔn kɛseyɛ na ayi ɔtwerɛfoɔ no adi sɛ onipa a ɔwɔ gyidie.
EMU NSƐM
Habakuk anwiinwii ne AWURADE mmuaeɛ 1.1—2.4
Abɔnefoɔ akatua 2.5-20
Habakuk mpaebɔ 3.1-19

Currently Selected:

Habakuk NHYƐNMU: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in