Habakuk 3
3
AWURADE atemmuo
1Odiyifoɔ Habakuk mpaebɔ wɔ Shigionot#3.1 SHIGIONOT: Wɔnnim saa Hebri kasa yi nkyerɛaseɛ. so.
2AWURADE, mate wo nka, masuro;
O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu;
ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu;
w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.
3 #
Deut 32.2; Ate 5.4 Onyankopɔn firi Teman ba,
na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela
N’animuonyam kata ɔsoro,
na n’ayeyie yɛ asase so ma.
4Ne hyerɛn te sɛ owia hann,
nsesaeɛ wowɔ ne ho,
na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ.
5Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim,
na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase.
6 #
Dwom 104.32
Ɔgyina hɔ na ɔwoso asase,
ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo;
daa mmepɔ dwiri,
tete nkokoɔ brɛ ase,
n’akwan te sɛ tete deɛ no.
7Mehunuu Kusan ntomadan wɔ ahohiahia mu;
Midian asase so kuntudan no popoe.
8Nsubɔntene so na na w’abufuo redɛreɛ, AWURADE?
Ɛpo na wo bo huru tiaa no,
berɛ a na wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagyeɛ
nteaseɛnam so reba no?
9Woayɛ wo tadua krado;
na woaka ntam wɔ w’agyan no toɔ ho. Sela
Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔntene.
10 #
Dwom 77.16
Mmepɔ hu wo a wɔhinhim;
nsuo a ɛtue reba;
ebunu donkodonko ma ne nne so,
ɛma ne nsa so kɔ soro;
11 #
Yos 10.13
owia ne ɔsrane gyinagyinaa efie,
w’agyan a ɛnenam no hann nti,
wo pea anyinam pa hyerɛn no nti.
12Abohuro mu na wonam fa asase soɔ,
abufuo mu na woposa amanaman.
13 #
Dwom 18.7, 15 Wofirii adi sɛ worebɛgye wo man,
worebɛgye deɛ wɔasra no no;
wobobɔɔ ɔbɔnefoɔ ti, womaa ne ho daa hɔ
firi n’atifi de kɔsii ne nan ase. Sela
14Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim,
wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete,
wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.
15Wode wo apɔnkɔ si po mu,
nsuo pii a ɛhuro no mu.
16Metee na me yafunum popoe,
m’ano saa biribiri, ɛnne no ho;
ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu,
na m’ase popoe,
nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no
na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.
AWURADE mu anidasoɔ
17Na borɔdɔma rengu nhyerɛne,
na aba biara nni abobe so;
na ngodua soɔ di hwammɔ,
na mfuo mma aduane,
na nnwan to twa firi ban mu,
na nantwie biara nni adan mu mpo a,
18 #
Yes 61.10
me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie,
na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.
19 #
Dwom 18.33
ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden;
na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ,
na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.
Currently Selected:
Habakuk 3: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012