Galatifoɔ 2
2
Wɔgye Paulo frɛ to mu wɔ Yerusalem
1 #
Aso 15.2
Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. 2#Gal 2.6; 2.9 Na menam adiyie so na mekɔeɛ, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no anim kɔkoam), na ammirika a metuo anaa metuiɛ no anyɛ kwa. 3#Aso 16.3 Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia. 4#Aso 15.1; 15.24 Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu. 5#Gal 3.1 Wɔn deɛ, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwere baako mpo, na asɛmpa no nokorɛ no akɔ so atena mo mu. 6Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho, 7#Aso 9.15; 15.12; 22.21 na mmom wɔhunuu sɛ, wɔde momonotofoɔ mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛdeɛ wɔde twetiatwafoɔ mu deɛ ama Petro no; 8(na deɛ ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafoɔ mu somafosom mu no, nam me nso me so dii dwuma amanaman mufoɔ mu). 9#Yoh 1.43 Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu, 10#Aso 11.30; 12.25 gye ahiafoɔ nko ara na wɔsrɛɛ sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.
Paulo ka Petro anim
11Na Kefa baa Antiokia no, megyinaa n’anim kasa tiaa no ɛfiri sɛ na wadi mfomsoɔ bi. 12#Aso 11.3 Ɛnne sɛ, na nnipa bi a wɔfiri Yakobo nkyɛn no nnya mmaeɛ no, na ɔne amanaman mufoɔ didi; na wɔbaeɛ no, ɔtwee ne ho tee ne ho firii wɔn ho, ɛfiri sɛ na ɔsuro wɔn a wɔfiri twetiatwafoɔ mu no. 13Na Yudafoɔ a aka no ne no yɛɛ nkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔɔ bi. 14Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?
15Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ. 16#Aso 15.10-11; Rom 3.20; 3.28; 4.5; 11.6; Efe 2.8 Na yɛnim sɛ wɔmfiri mmara nnwuma mu na wɔbu onipa bem, gye sɛ ɛnam Yesu Kristo gyidie mu nti, yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafiri Kristo gyidie mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem. 17Na yɛn a yɛhwehwɛ sɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wɔhu yɛn nso sɛ nnebɔneyɛfoɔ a, ɛnneɛ na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabi da. 18Na sɛ meto deɛ madwiri maguo no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni. 19#Rom 7.6 Na me deɛ, menam mmara no so mewu memaa mmara na matena ase mama Onyankopɔn. 20#Yoh 17.23; Gal 1.4 Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu; na m’ase a meteɛ yi deɛ, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete honam mu yi, mete no Nyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidie mu. 21Mempo Nyankopɔn adom no; ɛfiri sɛ, sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ na Kristo awu kwa.
Currently Selected:
Galatifoɔ 2: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012