Bible App logo
Search Icon

Hesekiel 27

27
Tiro ho kwadwom
1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2#Yes 23 Afei wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom, 3#Hos 9.13 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Tiro, wo deɛ, woka sɛ:
Me na me ho wie fɛ yɛ!
4W’ahyeɛ wɔ po mfimfini,
w’abantofoɔ awie wo fɛ yɛ,
5 # Deut 3.8-9 Senir pepeaa na wɔde pempam
w’ahyɛn afasuo,
Lebanon ntweneduro
na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;
6Basan adum
na wɔde yɛɛ w’atabono,
wɔyɛɛ no asonse mango
a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua
a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;
7 # Gye 10.4 nwera a wɔakyere mu a ɛfiri Misraim
yɛ wo mframatoma
a ɛyɛɛ wo frankaa;
bibitoma ne ntoma a ɛberedum
a ɛfiri Elisa mpoano mu yɛ wo nkatasoɔ;
8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ
yɛɛ w’aharefoɔ;
w’anyansafoɔ wɔ wo Tiro no ara mu,
wɔne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ;
9 # 1 Ah 5.18 Gebal mpanimfoɔ ne emu anyansafoɔ nso wɔ wo mu
repempam w’agoago;
ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufoɔ wɔ wo mu
di w’adwadeɛ ho nsesadwa.
10Persia ne Lidia ne Put
wɔ wo dɔm mu,
yɛ w’akofoɔ,
wɔde kyɛm ne dadeɛ kyɛ sensɛne wo mu,
wɔn na wɔmaa w’anim baa nyam.
11Arwadfoɔ ne wo dɔm
wɔ w’afasuo so hyia,
na Gamadfoɔ wɔ w’aban atentene mu,
wɔde wɔn akyɛm sensɛne w’afasuo ho hyia,
wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yie yɛ.
12Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ. 13#Hes 38.2 Yawan, Tubal ne Mesek ne wo di dwa, nnipa ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ na wɔde gye w’adwadeɛ. 14Bet-togarma fie na wɔfiri de apɔnkɔ ne ɔko mu apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ adeɛ; 15Dedan mma ne wo di dwa; mpoano aman bebree so na wo nsa ano adwadeɛ korɔ; asonse amuamu ne duaboɔ nnua na wɔde bɛtua wo ka; 16Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ. 17Yuda ne Israel asase ne wo di dwa; Minit ayuo, atokoɔ,#27.17 Hebri no nkyerɛaseɛ no mu nna hɔ papa. ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam na wɔde gye w’adwadeɛ, 18Damasko ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ so, ahodeɛ nyinaa dodoɔ nti; wɔde Helbon bobesa ne nnwan nwi fitaa ba. 19Wedan ne Yewan firi Usal bɛne wo di nsesadwa; dadeɛ a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa adeɛ. 20Dedan de apɔnkɔtoma a wɔtena soɔ ne wo di dwa. 21#Gye 25.13 Arabia ne Kedar aberempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano adwadifoɔ: Nnwammaa ne adwennini ne mpapo dwa na wɔne wo die; 22Seba ne Rama abatafoɔ ne wo di dwa, wɔde nnuhwam nyinaa mu titire ne aboɔden aboɔ nyinaa mu sika ne wo bɛdi nsesadwa; 23Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafoɔ, Asur, Kilmad ne wo di dwa; 24wɔn na wɔyɛ w’abatafoɔ, ntoma afɛfɛ mu, bibitoma ne nkyeremu ngusoɔ mu ne asaawa a wɔafira ademudeɛ, nhoma a wɔafira na wɔakyinkyim, wɔde gye wo adwadeɛ. 25Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufoɔ di w’adwadie mu akɔneaba,
na woayɛ ma, na wɔsoaa wo nnesoa pii
wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.
26W’aharefoɔ no de wo kɔ
nsuo bebree so,
apueeɛ mframa bobɔ wo
wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.
27W’adeɛ dodoɔ ne w’adetɔnneɛ, wo nsesa adwadeɛ,
w’ahyɛn mufoɔ ne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ,
wo mu agoago pempamfoɔ ne w’adwadeɛ sesafoɔ
ne wo mu akofoɔ nyinaa
ne w’asafo
a wɔwɔ wo mu nyinaa,
bɛmem ɛpo mu,
w’ahweaseɛ da no mu.
28W’ahyɛn kwankyerɛfoɔ nteamu nne
ma mpoano asase wosowoso,
29na wɔn a wɔkurakura atabono nyinaa,
ahyɛn mufoɔ,
po ani kwankyerɛfoɔ nyinaa fifiri wɔn ahyɛn mu sianesiane
bɛgyinagyina fam,
30na wo so na wɔmema wɔn nne soɔ,
na wɔteam yayaaya
de dɔteɛ gugu wɔn atifi
yantamyantam nso mu, 31na wɔbobɔ tikwa ma wo,
firafira ayitoma
na wɔde ɔkra awerɛhoɔ ne
agyaadwotwirɛ yaya su ma wo,
32na wɔbɛtwa wo ho kwadwom,
wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ:
Hwan na ɔte sɛ Tiro a wɔama n’asase ayɛ dinn,
ɛpo mu yi?
33W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no,
wode maa aman bebree mee,
w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ
na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34Afei a wɔabobɔ wo afiri ɛpo ani
de wo ahyɛ nsu donkodonko mu yi,
w’adwadeɛ ne w’asafo a
ɛwɔ wo mu no nyinaa atotɔ.
35Nsuano aman nyinaa,
wo nti wɔn ho dwiri wɔn,
na awɔse gu wɔn ahemfo so,
wɔn anim akusa.
36 # Hes 28.19 Aman mu adwadifoɔ bɔ wo so hwerɛma hwee hwee.
Woapatu asɛe,
na wonni hɔ bio de kɔsi daa.

Currently Selected:

Hesekiel 27: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in