YouVersion Logo
Search Icon

Ɔsɛnkafoɔ 5

5
Ahodasoɔ ne Nyankopɔn anim ahobrɛaseɛ
1 # 1 Sa 15.22 Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.
2 # Yak 1.19 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
3 # Ɔsɛ 10.14; Mmb 10.19 Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu.
4 # Deut 23.21 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma! 5Fanyinam sɛ woanhyɛ bɔ sene sɛ woahyɛ bɔ na womma. 6#Mal 2.7 Mma w’ano kwan mfa wo nkɔ bɔne mu, na nka wɔ ɔbɔfoɔ no anim sɛ: Ɛyɛ mfomsoɔ. Adɛn nti na Nyankopɔn bo mfu wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma?
7Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no.
Ahonyadeɛ yɛ ahuhudeɛ
8Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so. 9Na adeɛ nyinaa mu mfasoɔ ne sɛ ɔhene bi wɔ hɔ ma asase a wɔdɔ soɔ no.#5.9: Nkyerɛaseɛ wɔ Hebri kasa no mu nna hɔ papa.
10 # Mmb 28.22 Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
11Berɛ a nnepa redɔɔso no, na adifoɔ nso redɔɔso, na yiedie bɛn na ɛwom ma ɔdenadeɛnom no, sɛ hwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko?
12Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ.
13Bɔne bi a ɛyɛ ya wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, ɛne ahonyadeɛ a ɔdenadeɛnom kora ma wɔn ara mmusuo. 14Na ahonyadeɛ no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam. 15#Hiob 1.21; Dwom 49.17 Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ. 16Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu? 17Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.
Ɔpene
18 # Ɔsɛ 2.24; Mmb 15.15 Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa. 19Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no. 20Na ɔrenkae ne nkwa nna pii, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye ne so ama no n’akoma anigyeɛ.

Currently Selected:

Ɔsɛnkafoɔ 5: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in