Bible App logo
Search Icon

Daniel 5

5
Ɔfasuo ho atwerɛeɛ
1 # Dan 7.1 Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim. 2#Dan 1.2; 2 Be 36.10 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu. 3Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu. 4Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.
5Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano. 6Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri. 7#Dan 2.2; 4.6 Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi. 8Ɛnna ɔhene anyansafoɔ nyinaa baeɛ, nanso wɔantumi ankenkan atwerɛ no ankyerɛ ɔhene aseɛ. 9Ɛnna Ɔhene Belsasar ho yeraa no kɛse, na n’anim danee, na n’aberempɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee.
10Ɔhene ne n’aberempɔn nsɛm no nti ɔhemmaa baa apontoɔ dan no mu. Ɔhemmaa no kaa sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa! Mma w’adwene nnha wo na w’anim nnnane. 11#Dan 4.8 Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin. 12#Hes 28.3 W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ, 13ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no? 14Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahunu wo mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛne soɔ. 15Na afei wɔde anyansafoɔ ne pɛadeahunufoɔ aba m’anim, sɛ wɔmmɛkenkan atwerɛ yi na wɔnkyerɛ me aseɛ; nso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase. 16Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase na wosane apɔ; na sɛ wotumi kenkan atwerɛ no kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ de sika atweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.
17Ɛno na Daniel bua see ɔhene sɛ: Ma w’ayɛyɛdeɛ ntena wo hɔ, na fa w’adekyɛdeɛ ma obi foforɔ, nanso mɛkenkan atwerɛ no makyerɛ ɔhene, na mama no ahunu ne nkyerɛaseɛ. 18#Dan 2.37; 4.22 Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar, 19na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase. 20#Aso 12.23 Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho; 21#Dan 4.32 na wɔpamm no firii nnipa mma mu, na n’akoma yɛɛ sɛ mmoa deɛ, na ɔne ɛserɛ so mfunumu tenae, wɔmaa no wee wira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ ne honam, kɔsii sɛ ɔhunuu sɛ ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde obiara a ɔpɛ si so. 22Na wo, ne ba Belsasar, wonim yei nyinaa deɛ, nanso woammrɛ w’akoma ase; 23#Dan 5.2; Dwom 115.4-7 na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.
24Ɛno nti ɔno na ɔmaa nsa no firi bɛtwerɛɛ nkurukyireeɛ yi. 25Na atwerɛ a wɔakurukyire no nie: MENE, MENE, TEKEL, PARSIN.#5.25 Asekyerɛ ne: Wɔakan, wɔakan, wɔakari na wɔrekyɛ mu. 26Asɛm no nkyerɛaseɛ nie: MENE, Onyankopɔn akan w’ahennie, na ɔde aba awieeɛ; 27TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu; 28PERES,#5.28 Yei yɛ Parsin baako kabea. wɔakyɛ w’ahennie mu de ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.
29 # Dan 2.48; Gye 41.42-43 Ɛnna Belsasar ka maa wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika atweaban guu ne kɔn mu, na wɔpaee ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie mu tumi.
30Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar. 31#Dan 9.1; Yes 13.17 Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu.

Currently Selected:

Daniel 5: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in