Amos NHYƐNMU
NHYƐNMU
Amos ne odiyifoɔ a ɔdi kan wɔ Twerɛ Kronkron no mu a wɔtwerɛɛ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa. Ɛwɔ mu sɛ ɔfiri Yuda kuro bi mu deɛ, nanso ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ Israel amantifi Ahenkuro no mufoɔ, bɛyɛ mfeɛ ahanwɔtwe no mfimfini ansa na wɔrewo Kristo (B.C.). Na ɛyɛ ɛberɛ a ɔman no nyaa wɔn ho yie na mpo wɔyeree wɔn ho wɔ ɛsom a na wɔsusu sɛ ɛsɔ ani mu na ɛno nti wɔwɔ asomdwoeɛ. Nanso, odiyifoɔ no hunuu sɛ, ahonya ne yiedie no akɔdi adefoɔ no nkutoo nsam a wɔnam amimdie ne nhyɛsoɔ a wɔhyɛɛ ahiafoɔ no so nyaeɛ.
Onyankopɔn mu nneyɛɛ no mfiri akoma mu, na asomdwoeɛ ne banbɔ nwie pɛyɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Ɔde ayamhyehyeɛ ne akokoɔduro pae mu kaa Onyankopɔn asɛm sɛ: AWURADE bɛtwe ɔman no aso. Ɔpaee mu kaa sɛ: Atɛntenenee mpue sɛ asutene, na ɔkaa sɛ: “Ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ” (5.15).
EMU NSƐM
Atemmuo a ɛbɛba aman a atwa Israelfoɔ ho ahyia no so 1.1—2.5
Atemmuo a ɛbɛba Israelfoɔ so 2.6—6.14
Anisoadehunu ahodoɔ nnum 7.1—9.15
Currently Selected:
Amos NHYƐNMU: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012