Amos 6
6
Adwenharefoɔ ne ahantanfoɔ no asotwe
1Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo
ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ,
wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu,
wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.
2 #
Gye 10.10
Monsene nkɔ Kalne nkɔhwɛ,
na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ,
na monsiane nkɔ Filistifoɔ Gat.
Wɔyɛ sene ahennie yi,
anaasɛ wɔn hyeɛ mu trɛ sene mo hyeɛ anaa?
3 #
Dwom 10.5
Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie
na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.
4 #
Amos 3.15
Wɔdeda asonse mpadua so,
na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so,
na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu
ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.
5 #
Yes 5.12
Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano,
na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.
6Wɔnom nsa nkoraa mu,
na wɔde ngohwam sra wɔn ho,
na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.
7Enti afei wɔn na wɔbɛdi atukɔfoɔ kan atu akorɔ,
na sadwaasefoɔ gyegyeegye no agyae.
8AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam,
AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie):
Me deɛ, mekyi Yakob ahantan,
na metane n’aban denden no,
na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.
9Na sɛ wɔgya nnipa du efi korɔ mu a, ewuo ara na wɔbɛwuwuo. 10#Amos 8.3 Na obi busuani, deɛ ɔhyeɛ no bɛma no so sɛ ɔreyi nnompe no afiri fie hɔ, na ɔbɛbisa deɛ ɔwɔ efie mpiakyire mu no sɛ: Obi da so ne wo wɔ hɔ anaa? Na ɔbɛka sɛ: Wɔasa! Na ɔno nso bɛka sɛ: Mua w’ano, na wɔmmɔ AWURADE din so.
11Na hwɛ, AWURADE ahyɛ,
na wɔbɛbɔ efi kɛseɛ no pasapasa
ne efi ketewa no nso dukuduku.
12 #
Amos 5.7
Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika
anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa?
Sɛ modane atemmuo awuduro
na modane tenenee aba bɔnwono?
13Mo a mo ani gye Lo-debar#6.13 LO-DEBAR: Anaasɛ biribi a ɛnyɛ hwee. ho
na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden
na yɛde agye Karnaim mmɛn afa?
14Na hwɛ, merema ɔman bi asɔre atia mo,
Israel fie, AWURADE, asafo Nyankopɔn asɛm nie,
na wɔabɛha mo afiri deɛ wɔfa kɔ Hamat
akɔsi mpaperɛ so subonhwa Araba no ano.
Currently Selected:
Amos 6: ASW
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012