YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 14

14
Osuboni Yohane Kum
1Bere no mu ara na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka, 2na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.”
3Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no 4sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. 5Herode pɛɛ sɛ okum Yohane. Nanso na osuro sɛ, sɛ okum no a basabasayɛ bɛba ɔman no mu. Efisɛ na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.
6Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ. 7Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. 8Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.” 9Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no. 10Herode soma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. 11Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 12Yohane asuafo no bɛfaa nʼamu no kosiee no. Eyi akyi no wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu.
Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan
13Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ. 14Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.
15Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ nkurow no bi so.”
16Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!”
17Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.”
18Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.” 19Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. 20Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. 21Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho.
Yesu Nantew Nsu Ani
22Nnipadɔm no didi wiee pɛ na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. 23Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ. 24Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no.
25Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn. 26Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu.
27Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
28Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.”
29Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!”
Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!”
31Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?”
32Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ. 33Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
Genesaret Ayaresa
34Wotwaa asu no baa Genesaret. 35Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no. 36Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

Currently Selected:

Mateo 14: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy