YouVersion Logo
Search Icon

Yona Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Asiria yɛ Israelfo tamfo kɛse. Asiriaman yi de atirimɔden ne tumitraso dii Israelfo so. Onyankopɔn somaa Yona se ɔnkɔ Ninewe, a ɛyɛ Asiria kuropɔn no mu, nkɔka nkyerɛ wɔn na wɔnsakra wɔn adwene.
Yona Nhoma yi ka sɛnea odiyifo yi guanee, nanso Onyankopɔn san no ma ɔkɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔkɔkaa asɛmpa no maa nnipa no sakraa wɔn adwene; na asotwe a anka ɛbɛba ɔman no so no paree wɔn. Yona ani annye eyi ho enti Onyankopɔn kaa nʼanim wɔ ne pɛsɛmenkominya ne ahummɔbɔ a onni no ho.
Nhoma yi ma yehu Onyankopɔn dɔ, ayamye ne ayamhyehye a ɔwɔ ma ne mma nyinaa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na nʼatamfo a wɔsakra wɔn adwene no, ogye wɔn nkwa.
Emu Nsɛm
Yona frɛ ne nʼasoɔden (1.1-17)
Yona amanehunu ne ne gye (2.1-10)
Yona kasa tia Ninewe (3.1-10)
Onyankopɔn hu Ninewe mmɔbɔ (4.1-11)

Currently Selected:

Yona Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy