YouVersion Logo
Search Icon

Yohane Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Yohane a ɔkyerɛw nsɛmpa no mu nea ɛto so anan no yɛ Yudani a nʼagya din de Sebedeo. Na Yohane yɛ ɔpofoni. Saa Yohane koro yi ara na ɔkyerɛw Yohane nhoma a edi kan, nea ɛto so abien, nea ɛto so abiɛsa ne Adiyisɛm no. Na ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako a na ɔbɛn no pɛɛ wɔ ne mfe abiɛsa adwumayɛ no mu. Eyi nti na onim Yesu yiye; ohuu nʼanwonwannwuma no. Bio, na onim sɛnea na Yesu si kyi Yudafo mpanyin no. Na onim, na ɔkyerɛw faa Yesu ho se ɔyɛ onipa ne Onyankopɔn. Na nea ɛka ho ne sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba koro ne wiase Agyenkwa sɛnea ɔno ankasa aka no.
Emu Nsɛm
Nnianim (1.1-51)
Yesu adwumayɛ, nsɛnkyerɛnne ason no (2.1–12.50)
Yesu ntetewmudi nsɛm (13.1–17.26)
Wɔkyere Yesu di nʼasɛm, bɔ no asennua mu (18.1–19.37)
Yesu sie ne ne Wusɔre (19.38–20.31)
Nsɛm a etwa to (21.1-25)

Currently Selected:

Yohane Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy