YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 4

4
Yesu Hyia Samarianibea Bi
1Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn, 2a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu. 3Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
4Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
7Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.” 8Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.
9Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
10Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”
11Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi? 12Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
13Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio, 14nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”
15Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
16Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.”
Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no. 18Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”
19Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo. 20Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
21Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.” 22Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba. 23Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ. 24Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.
25Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
28Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se, 29“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?” 30Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
32Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”
33Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
34Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no. 35Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu! 36Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye. 37Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ 38Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”
Samariafo Pii Gye Yesu Di
39Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. 40Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn. 41Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
42Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
Galileafo Gye Yesu
43Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea. 44Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso 45esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
Yesu Sa Abofra Bi Yare
46Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
48Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”
49Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!”
Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie. 51Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no. 52Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.”
53Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no” no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.
54Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.

Currently Selected:

Yohane 4: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy