YouVersion Logo
Search Icon

2 Mose 4

4
Awurade Tumi Ho Nsɛnkyerɛnne
1Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ”
2 Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?”
Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.”
3 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.”
Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho. 4Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no. 5Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.”
6Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.
7 Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.
8 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi. 9Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”
10Nanso Mose srɛe se, “Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”
11 Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? 12Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”
13Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”
14 Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye. 15Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. 16Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no. 17Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.”
18Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.”
Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.”
19Ansa na Mose rebefi Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” 20Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae.
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ. 22Na ka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan 23na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ”
24Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no. 25Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.” 26Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)
27 Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono. 28Na Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron.
29Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa, 30na Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn 31ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.

Currently Selected:

2 Mose 4: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy