YouVersion Logo
Search Icon

2 Ahemfo Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
2 Ahemfo Nhoma a ɛto so abien yɛ Ahemfo Nhoma a edi kan ntoaso a ɛka Israelman ne Yudaman ahemfo ho nsɛm kosi bere a wɔbɛfaa Yudaman no nnommum kɔɔ Babilonia. Nhoma no yɛ mfirihyia ɔha aduasa (130) mu abakɔsɛm a saa bere no mu no, Atifi Ahemman a ɛyɛ Israel nyaa ahemfo dumien. Anafo Ahemman a ɛyɛ Yuda no nso, ahemfo dunsia na wodii so. Asiriahene Samanesta bedii Israel so nkonim de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe ahanson aduonu abien (722) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Yudaman nso, Babiloniahene Nebukadnessar bedii wɔn so, sɛee Yerusalem de wɔn kɔɔ nkoasom mu afe ahannum aduɔwɔtwe asia (586) ansa na wɔrebɛwo Kristo. Ahemfo abien a wɔda nsow wɔ ahemfo no nyinaa mu ne Hesekia ne Yosia a wɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn.
Nhoma yi bɔ adiyifo a wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ ɔmanfo no ne wɔn ntuanofo din. Odiyifo a odi mu akoten ne Elisa a odii Odiyifo Elia ade.
Emu Nsɛm
Ahemman A Wɔkyekyɛ Mu (1.1–17.41)
Ahemman A Ɛte Ase (18.1–25.30)

Currently Selected:

2 Ahemfo Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy