YouVersion Logo
Search Icon

1 Ahemfo 17

17
Kwaakwaadabi Ma Elia Aduan
1Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
2Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se, 3“Kɔ asu Kerit a ɛwɔ apuei fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kohintaw hɔ. 4Nom asu no mu nsu, na di nea kwaakwaadabi no de bɛbrɛ wo, efisɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduan.”
5Enti Elia yɛɛ sɛnea Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenae wɔ asu Kerit ho. 6Kwaakwaadabi no brɛɛ no brodo ne nam anɔpa ne anwummere biara, na ɔnom nsu fii asu no mu. 7Akyiri no, asu no yowee, efisɛ na osu ntɔ wɔ asase no so baabiara.
Elia Ne Sarefat Ɔbea Kunafo No
8Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se, 9“Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kurow no mu. Okunafo bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduan adi. Makyerɛ no nea ɔnyɛ.”
10Na Elia kɔɔ Sarefat. Oduu kurow no abɔntenpon no ano no, ohuu okunafo bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Obisaa no se, “Mesrɛ wo, wubetumi ama me nsu kuruwa ma bi?” 11Ɔrekɔsaw nsu no aba no, ɔsrɛɛ no se, “Ɛyɛ a fa brodo sin bi nso ka ho.”
12Okunafo no kae se, “Meka Awurade, wo Nyankopɔn no ntam se, minni brodo sin koraa wɔ fie. Na nea mewɔ wɔ fie yɛ asikresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduan a etwa to, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
13Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no. 14Na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ka, ‘Daa asikresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekorade no mu kosi bere a Awurade bɛma osu atɔ, ama nnɔbae anyin bio.’ ”
15Na ɔyɛɛ sɛnea Elia kae no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. 16Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
17Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui. 18Ɔbea no bisaa Elia se, “Onyankopɔn nipa, dɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho nti na woakum me ba yi?”
19Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee abarimaa no fii ne nsam. Ɔde no kɔɔ soro dan#17.19 Abansoro dan no yɛ ahɔhodan na wɔkora aduan wɔ hɔ. bi a wɔsoɛɛ mu no mu. Ɔde owufo no too ne mpa so. 20Elia su guu Awurade so se, “Awurade, adɛn nti na wode saa awerɛhow yi abɛto okunafo yi a ɔde ne fi asom me hɔho yi so, na wama ne ba awu yi?” 21Obutuw abofra no so mprɛnsa, su guu Awurade so se, “Ao Awurade, me Nyankopɔn, mesrɛ, ma abofra yi nnya nkwa bio.”
22 Awurade tiee Elia mpaebɔ, na abofra no nyaa nkwa bio. 23Enti Elia de no fi soro hɔ brɛɛ ne na, ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo ba no anyan.”
24Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia se, “Afei, mahu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”

Currently Selected:

1 Ahemfo 17: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy