Nnwom 97
97
Nyankopɔn ahennie wɔ awieeɛ berɛ no mu
1 #
Dwom 93.1
AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na
nsupɔ bebree no nso ani nnye. 2#Dwom 89.14 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia,
tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ. 3#Hab 3.3-6 Ogya di n’anim, na ɛrehye n’ahohiahiafoɔ hyia. 4N’anyinam hran wiase,
asase hunu, na ɛpopo.
5Mmepɔ nane sɛ akraa AWURADE anim,
asase nyinaa AWURADE anim.
6 #
Dwom 19.1
Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ,
na aman nyinaa hunu n’animuonyam.
7 #
Heb 1.6
Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo
hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu,
mo anyame nyinaa, monkoto no.
8 #
Flp 4.4-5
Sion te, na n’ani gye,
Yuda mmammaa ho sane wɔn,
AWURADE, w’atemmuo nti.
9 #
Dwom 96.4
Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so,
wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so.
10 #
Amos 5.14-15
Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne.
Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so,
ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.
11 #
Dwom 112.4
Wɔde hann agu ama ɔteneneeni,
ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.
12Ateneneefoɔ, mo ani nnye AWURADE ho,
na monyi ne din kronkron ayɛ.
Currently Selected:
Nnwom 97: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.