Nnwom 125
125
Israel dwanekɔbea
Ɔsoroforɔ dwom.
1Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no
te sɛ Sion bepɔ,
ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.
2 #
Dwom 36.6
Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no,
saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia
firi seesei de kɔsi daa.
3Na bɔne ahempoma rentena
ateneneefoɔ kyɛfa so,
na ateneneefoɔ antene
wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.
4AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie,
ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu.
5 #
Gal 6.16
Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ,
AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ.
Asomdwoeɛ mmra Israel so.
Currently Selected:
Nnwom 125: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.