YouVersion Logo
Search Icon

Nehemia 6

6
Atamfoɔ no taa
1Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano), 2Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho. 3Na mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛseɛ na mereyɛ yi, na mentumi mensiane memma. Ɛdeɛn nti na adwuma no nna hɔ na mennya no hɔ nsiane mmra mo nkyɛn? 4Na wɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn saa ara mprɛnnan, na mebuaa wɔn saa ara. 5Ɛnna Sanbalat somaa ne somfoɔ maa no baa me nkyɛn deɛ ɛtɔ so nnum, na nwoma a ano da hɔ kura ne nsam. 6#Esra 4.12 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no. 7Nanso woahyehyɛ adiyifoɔ a wɔbɛpae wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene aso bɛte no sɛdeɛ nsɛm yi teɛ. Na afei bra na yɛnhyia ntu agyina. 8Ɛnna mesoma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka. 9Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.
10Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ. 11Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ. 12Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa. 13#Num 18.7 Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me. 14#Neh 4.4-5 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛdeɛ wɔn nnwuma yi teɛ, ne Odiyifoɔ baa Noadia nso ne adiyifoɔ no a anka wɔrepɛ ayi me hu no.
Wɔwie ɔfasuo no to
15Na wɔde nna aduonum mmienu na wɔwiee ɔfasuo no bosome Elul#6.15 ELUL: Ɛte sɛ bosome Ɔsannaa awieeɛ kɔsi Ɛbɔ bosome awieeɛ. da a ɛtɔ so aduonu nnum mu. 16Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi. 17Nso nna no mu no, Yuda mmapɔmma no mu pii manee Tobia nwoma, na Tobia nso deɛ baa wɔn nkyɛn, 18na Yuda mu nnipa pii asuae akyerɛ no, ɛfiri sɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babaa. 19Nso wɔbɛkaa ne nnwuma pa wɔ m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nwoma no deɛ, Tobia de manee sɛ ɔde rebɛyi me hu.

Currently Selected:

Nehemia 6: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in