Mateo 8
8
Ɔkwatani bi ahofire
(Luka 5.12-14)
1Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi. 2Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. 3Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ. 4#Mat 9.30; Mar 7.36; Luk 17.14; Lew 14.2-32 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.
Akoa bi ayaresa
(Luka 7.1-10)
5Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no 6sɛ: Owura, m’akoa da fie yare mmubuo, na ɔrehunu ayayadeɛ dodo. 7Na ɔsee no sɛ: Mɛba mabɛsa no yadeɛ. 8Na asraafoɔ ɔha so panin no buaa sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho bɛyɛ no den. 9Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ. 10#Mat 15.28 Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn. 11#Yes 49.12; Luk 13.28-29 Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu; 12#Mat 22.13; 24.51; 25.30 na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ. 13#Mat 9.29; 15.28 Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ: Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.
Ayaresa ahodoɔ bebree
(Marko 1.29-34; Luka 4.38-41)
14Na Yesu baa Petro fie no, ɔbɛhunuu n’asebaa sɛ ɔda hɔ yare yarefufuo. 15Na ɔsɔɔ ne nsa, na yarefufuo no gyaa no, na ɔsɔre somm no.
16Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ. 17#Yes 53.4 Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.
Yesu akyiridie
(Luka 9.57-60)
18 #
Mar 4.35; Luk 8.22 Na Yesu hunuu nkurɔfoɔ akuakuo pii wɔ ne ho no, ɔhyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ asuogya nohoa. 19Na Ɔtwerɛfoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkorɔ no, mɛdi w’akyi. 20#2 Ko 8.9 Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ. 21#1 Ah 19.20 Na asuafoɔ no mu ɔfoforɔ bi see no sɛ: Awurade, ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa. 22Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ!
Ahum asebrɛ
(Marko 4.36-41; Luka 8.23-25)
23Na ɔtenaa kodoɔ mu no, n’asuafoɔ no dii n’akyi. 24Na hwɛ, ahum kɛseɛ bi tuu ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkyeɛ bu bɛkataa kodoɔ no so; na ɔno deɛ, na wada. 25Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera! 26#Mat 14.31; 16.8 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn. 27Na ɛyɛɛ nnipa no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Ahonhommɔne
(Marko 5.1-17; Luka 8.26-37)
28Na ɔduruu asuogya nohoa, Gadarenefoɔ asase soɔ no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn soɔ firi aboda mu bɛhyiaa no; wɔyɛ awerɛmfoɔ sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so. 29#Luk 4.41; 2 Pe 2.4 Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa? 30Na mprakokuo bebree bi redidi akyirikyiri. 31Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wotu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuo yi mu. 32Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuo no nyinaa bɔɔ kirididi sianee ɔbotan kuronkuron no kɔguu po no mu wuwuu nsuo no mu. 33Na wɔn a wɔhwɛ wɔn soɔ no dwanedwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a na ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ no ho asɛm no. 34Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.
Currently Selected:
Mateo 8: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.