Yosua NHYƐNMU
NHYƐNMU
Yosua nwoma no mu nsɛm fa di a Yosua dii Israelfoɔ anim kɔtoaa Kanaanfoɔ ne wɔn koeɛ. Yosua yi na ɔdii Mose adeɛ. Nsɛm titire a wɔka ho asɛm bi ne twa a wɔtwaa Asubɔnten Yordan, Yeriko sɛeɛ, Ai ko no ne Onyankopɔn apam a ɔne ne nkurɔfoɔ yɛeɛ no ntimu. Asɛm a wɔnim no yie koraa wɔ saa nwoma yi mu ne, “Ɛnneɛ, ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE” 24.15.
EMU NSƐM
Wɔdi Kanaanfoɔ so nkonim 1.1—12.24
Asase no kyɛ 13.1—21.45
1. Yordan apueeɛ fam asase 13.1-33
2. Yordan atɔeɛ fam asase 14.1—19.51
3. Dwanekɔbea nkuro no 20.1-9
4. Lewifoɔ nkuro no 21.1-45
Apueeɛ fam mmusuakuo no sane kɔ wɔn asase so 22.1-34
Yosua nkradie nsɛm 23.1-16
Wɔhyɛ apam no mu den wɔ Sekem 42.1-33
Currently Selected:
Yosua NHYƐNMU: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.