YouVersion Logo
Search Icon

Yosua 12

12
Nsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm
1Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so, 2#Num 21.24 Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano, 3ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no; 4#Num 21.33; Deut 3.11 ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no. 5Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho. 6#Num 32.33 AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so.
Ahemfo a Yosua kumm wɔn
7Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ, 8#Yos 11.3 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no): 9#Yos 6.2; 8.29 Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene, 10#Yos 10.1, 3 Yerusalemhene, Hebronhene, 11#Yos 10.3 Yarmuthene, Lakishene, 12#Yos 10.3, 26, 33 Eglonhene, Geserhene, 13#Yos 10.39; Ate 1.11 Debirhene, Gederhene, 14#Ate 1.17; Num 21.1 Hormahene, Aradhene, 15#Yos 10.29-30 Libnahene, Adulamhene, 16#Yos 10.28 Makedahene, Betelhene, 17Tapuahene, Heferhene, 18#Yos 15.53; 1 Sa 4.1 Afekhene, Lasaronhene, 19#Yos 11.1, 10 Madonhene, Hasorhene, 20#Yos 11.1 Simron-meronhene, Aksafhene, 21Taanakhene, Megidohene, 22Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene, 23#Yos 11.2 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene, 24Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.

Currently Selected:

Yosua 12: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in