YouVersion Logo
Search Icon

Atemmufoɔ 18

18
Danfoɔ wia Mika ahoni, wɔdi Lais so na wɔsom ahoni
1 # Ate 17.6; 1.34 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu. 2#Ate 13.25 Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ. 3#Ate 17.7 Wɔwɔ Mika fie ho no, wɔtee aberanteɛ Lewini no nne, na wɔmanee hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔde wo baa ha? Na ɛdeɛn na woreyɛ no ha? Na ɛdeɛn nso na wowɔ wɔ ha? 4Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adie, na wabɔ me paa, na mabɛyɛ ne sɔfoɔ. 5Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa? 6Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da.
7Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara.
8Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Amanneɛ? 9Na wɔse: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛahunu asase no, na hwɛ, ɛyɛ papaapa. Na mo deɛ, moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no. 10Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo; asase no so, na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so adeɛ biara nyɛ na hɔ.
11Ɛnna Danfoɔ abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ tu firii Sora ne Estaol. 12Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat-yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan#18.12 MAHANE-DAN Asekyerɛ ne: Dan nsraban de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi. 13#Ate 17.1 Na wɔtwaa mu hɔ kɔɔ Efraim bepɔ so, na wɔduruu Mika fie.
14 # Ate 17.4-5 Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: Monim sɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni a wɔasene ne agudeɛ wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ deɛ mobɛyɛ. 15Na wɔmanee hɔ, na wɔduruu aberanteɛ Lewini no fie a ɛyɛ Mika fie, na wɔkyeaa no. 16Na mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ a wɔfiri Danfoɔ no mu no gyinaa aboboano. 17Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔ kɔhyɛnee hɔ faa ohoni a wɔasene ne asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no, nso na ɔsɔfoɔ no ne mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ no gyina aboboɔ no ano. 18Na yeinom kɔhyɛnee Mika fie kɔfaa ohoni a wɔasene, asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no no, ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moreyɛ yi? 19Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na ɛne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfoɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi sɔfoɔ ama onipa baako fie anaasɛ wobɛdi sɔfoɔ ama Israel mu abusuakuo ne abusua? 20Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu.
21Ɛnna wɔdanee wɔn ho de kɔeɛ, na wɔmaa mmɔfra ne afieboa ne nnoɔma a ɛho hia dii wɔn anim. 22Wɔne Mika fie ntam twee ara yie no, wɔfrɛfrɛɛ nnipa a ɛwɔ afie a ɛbemmɛn Mika fie no mu no bɛhyiae, na wɔtii Danfoɔ no. Na wɔteaa mu frɛɛ Danfoɔ no, 23na wɔdanedanee wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wode ɛdɔm a ɛte sɛɛ reba yi? 24Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi? 25Na Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuo ammɛto anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fiefoɔ deɛ. 26Na Danfoɔ no sii wɔn kwan so kɔe. Na Mika hunuu sɛ wɔn ho yɛ den sene no no, ɔdanee ne ho sane baa ne fie.
27Na wɔn deɛ, wɔfaa nnoɔma a Mika yɛeɛ no ne ɔsɔfoɔ a ɔnyaeɛ no kɔ kɔduruu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔde ogya hyee kuro no. 28Na ɔgyefoɔ biara amma, ɛfiri sɛ ɛne Sidon ware, na na wɔne obiara biara nni twaka; na ɛda bonhwa a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kuro no tenaa mu, 29#Yos 19.47 na wɔtoo kuro no din Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din teɛ; nanso anka akane no na kuro no din de Lais. 30#1 Ah 12.29 Na Danfoɔ no de ohoni a wɔasene no sii hɔ fae, na Mose#18.30 Hebri no ka no sɛ: Manase ba ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfoɔ maa Dan abusuakuo no de kɔsii asase no tukorɔ da so. 31#Yos 18.1 Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.

Currently Selected:

Atemmufoɔ 18: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for Atemmufoɔ 18