YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 2

2
Homeda
1Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ. 2#Yoh 5.17; Heb 4.4, 10 Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho. 3#Eks 20.8-11 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.
Eden turo no
4Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 5Na afuo mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuo mu nhahan nyinaa nnya mfifirii, ɛfiri sɛ na AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ nsuo nguu asase no so, na na onipa a ɔbɛdɔ asase nni hɔ. 6Na nsuo firi asase so foroe, na ɛfɔɔ asase ani nyinaa. 7#1 Ko 15.45 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.
8Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apueeɛ fam, na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaa hɔ. 9#Gye 3.22, 24; Adi 2.7; 22.2 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.
10Na asuo bi tene firi Eden bɛfɔ turo no, na ɛfiri hɔ ara na emu paapae yɛɛ nsutire nnan. 11Deɛ ɛdi kan no din de Pison, ɛno na ɛkonton twa Hawila asase a sika wɔ soɔ no nyinaa ho hyiae. 12Na asase no so sika yɛ papa. Ɛhɔ na bedola aduhwam ne apopobibireboɔ wɔ. 13Na asuo a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Ɛno na ɛkonton twa Kus#2.13 KUS: Kus yi ara na ebinom frɛ no Etiopia. asase nyinaa ho hyia. 14Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri,#2.14 TIGRI: Ɛno ara ne Hidekel wɔ Hebri kasa mu. ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.
15Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔ na ɔnwɛn hɔ. 16Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi. 17#Rom 5.12; 1 Ko 15.21 Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo. 18#Mmb 31.10-31 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.
19Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din. 20Na onipa totoo afiemmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa deɛ wɔannya ne boafoɔ a ɔfata amma no.
21Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae. Na ɔyii ne mfe mpadeɛ mu baako, na ɔde nam tuaa ananmu. 22#1 Ko 11.7-9, 12; 1 Ti 2.13 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no. 23Na onipa no kaa sɛ:
Ampa ara, me nnompe mu dompe,
ne me honam mu nam ankasa nie.
Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa,
ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.
24 # Mat 19.5-6; Efe 5.28-31 Saa nti na ɔbarima bɛgya ne na ne n’agya hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ. 25Na wɔn baanu no deda adagya, ɔbarima no ne ne yere, nanso wɔn ani anwu.

Currently Selected:

Gyenesis 2: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy