Deuteronomium 32
32
Mose dwom no
1 #
Deut 31.28; Yes 1.2 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa,
na asase ntie m’anomu nsɛm!
2 #
Yes 55.10-11
Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo,
na me kasa ngu sɛ obosuo,
sɛ wira so mfetema
ne nhahan so hasuo.
3Na AWURADE din na mɛbɔ.
Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn.
4Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,
na n’akwan nyinaa yɛ tenenee;
ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu;
ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.
5 #
Yes 1.2-4
Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma,
awoɔ ntoatoasoɔ kontonkye a wɔakyea.
6 #
Eks 4.22; Yes 63.16; Mal 1.6 AWURADE na motua no ka seyie yi?
Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire!
Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ?
Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.
7 #
Dwom 77.11
Kae tete nteredee nna,
hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ;
bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo,
wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.
8 #
Gye 11.8; Aso 17.26 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman,
ɔpaepaee Adam mma mu no,
ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ
sɛ Israelfoɔ ano sie.
9Na AWURADE kyɛfa ne ne man,
Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.
10 #
Dwom 17.8; Sak 2.8 Ɔhunuu no anwea pradada asase so
ne nkyɛkyerɛ so,
ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae,
ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.
11 #
Dwom 36.7; Eks 19.4 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo
na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no,
ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no,
ɔsoaa no ne ntakra so.
12AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan,
na anyame foforɔ biara anka ne ho.
13 #
Dwom 81.16
Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe,
na ɔdii asase so nnɔbaeɛ;
na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu,
ne ngo firii abohemmaa mu,
14anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo,
nnwammuruwa sradeɛ,
ne Basan adwennini mpapo deɛ,
ne ayuo sawa mu sradeɛ,
na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.
15 #
Yes 44.2; Deut 31.20 Na Yesurum#32.15 YESURUM: Ɛgyina hɔ ma Israel a n’asekyerɛ ne ɔteneneeni. dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie;
woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru;
na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,
na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.
16Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu,
wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.
17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,
anyame a wɔnni wɔn,
afoforɔ a ɛbaa akyire yi
na wɔn nananom amfɛre wɔn.
18Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho,
na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.
19Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti
AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,
20na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn,
mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie,
na awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi ne wɔn,
mma a nokorɛ nni wɔn mu.
21 #
Yer 2.11; Rom 10.19 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu,
wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo.
Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu,
mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.
22Na ogya asɔ m’abufuo mu,
na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ,
na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ,
na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.
23 #
Dwom 91.5
Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so,
mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.
24Ɛkɔm bɛfɔn wɔn,
na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya
bɛmene wɔn;
na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,
ne mfuturo mu awɔ borɔ.
25Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so,
na ehu aku wɔn mpia mu,
aberanteɛ ne ababaa,
akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.
26Anka mese: Mɛhu wɔn agu,
mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,
27sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a,
na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani,
na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim
na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.
28 #
Yes 27.11; Yer 4.22 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn,
na nhunumu bi nni wɔn mu.
29Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase,
na wɔahunu wɔn awiekyire.
30 #
Lew 26.8, 36, 37 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn
na AWURADE ayi wɔn ama a,
anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem,
na baanu ama mpemdu adwane?
31Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,
na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.
32Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire,
ɛne Gomora mfofowa so;
wɔn aba yɛ ɛborɔ aba,
wɔso esia esia a ɛyɛ nwono;
33wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ
ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.
34 #
Deut 29.29
Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn,
na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?
35 #
Dwom 94.1; Rom 12.19; Heb 10.30 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me,
ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no.
Na wɔn dwɛreɛ da abɛn,
na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.
36 #
1 Ah 14.10
Na AWURADE bɛbu ne man atɛn,
na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ,
berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa,
na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.
37Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,
ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?
38 #
Ate 10.14
Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ,
na wɔnom wɔn ahwiesa no?
Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,
ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.
39 #
Deut 4.35; Yes 45.5; Eks 15.26; 1 Sa 2.6; Hiob 5.18; Hos 6.1-2 Afei monhunu sɛ me ara mene no,
na onyame biara nka me ho.
Me na mekum, na mema nkwa,
mepira, na mesa,
na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.
40 #
Eks 6.8; Hes 33.11 Na mema me nsa so mekɔ soro,
na mese: Sɛ mete ase daa yi!
41Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no
na me nsa sɔ atemmuo mu a,
mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were,
na matua m’atamfoɔ ka.
42Mɛma m’agyan aboro mogya,
na me nkrantɛ adi nam,
atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,
ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.
43 #
Rom 15.10
Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese,
ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were,
na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka,
na wapata ama n’asase, ne man.
44Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua. 45Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no, 46#Deut 6.7 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so. 47#Lew 18.5 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.
Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so
48Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ: 49#Num 27.12; 33.48 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no. 50#Num 20.23-29 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no, 51#Num 20.12-13 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu. 52#Deut 34.4 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.
Currently Selected:
Deuteronomium 32: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.