YouVersion Logo
Search Icon

2 Samuel NHYƐNMU

NHYƐNMU
Samuel nwoma a ɛtɔ so mmienu no yɛ deɛ ɛdi kan no ntoasoɔ, na ɛyɛ abakɔsɛm a ɛfa Dawid ahennie ho. Ɔdii kan dii hene wɔ Yuda a ɛwɔ anafoɔ fam (Ti 1-4). Akyire yi no, ɔbɛdii ɔman no nyinaa so a na Israel a ɛwɔ atifi fam ka ho no (Ti 5-24). Ɛyɛ asɛm a ɛda adi pefee sɛ deɛ na ɛbɛyɛ a Dawid bɛtrɛ n’ahemman no mu, na ama n’ahennie agyina no, ɔne atamfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne aman foforɔ so atumfoɔ dii apereapereɛ.
Wɔkyerɛ a, na Dawid yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidie a emu yɛ den, na ɔtuu ne ho sii hɔ maa Onyankopɔn ne obi a ɔdii ne man nokorɛ. Nanso ɛtɔ da bi a, na ɔnni ahummɔborɔ, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ bɔne a ɛyɛ hu de hwehwɛ n’akɔnnɔ ne deɛ ɔpɛ. Ɛberɛ a AWURADE diyifoɔ Natan daa ne bɔne adi kyerɛɛ no no, ɔgyee ne bɔne no too mu, na ɔpenee asotwe a Onyankopɔn de baa no soɔ no so.
Dawid abrabɔ ne deɛ ɔyɛeɛ sɔɔ Israelfoɔ ani yie, enti akyire yi no, ɔman no ho hiahiaa wɔn, na wɔrehwehwɛ ɔhene foforɔ no, na wɔpɛ obi a ɔyɛ Dawid aseni, babarima a ɔte sɛ ɔno ara.
EMU NSƐM
Dawid di Yuda so hene 1.1—4.12
Dawid di Israel nyinaa so hene 5.1—24.25
1. Mfeɛ a ɛdi kan no 5.1—10.19
2. Dawid ne Batseba 11.1—12.25
3. Ɔhaw ne ahokyere ahodoɔ 12.26—20.26
4. Mfeɛ a ɛdi akyire no 21.1—24.25

Currently Selected:

2 Samuel NHYƐNMU: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in