2 Berɛsosɛm NHYƐNMU
NHYƐNMU
Kronika anaa Berɛsosɛm nwoma a ɛtɔ so mmienu no hyɛ aseɛ firi faako a deɛ ɛdi kan no wieeɛ. Ɛfiri aseɛ kasa fa Ɔhene Salomo adedie ne ne wuo ho. Ɔde Yeroboam a ɔdii atifi fam mmusuakuo atuateɛ wɔ Salomo ba Rehoboam so na ɛwieeɛ. N’amanneɛbɔ no fa kɛseɛ gyina Yuda a ɛwɔ anafoɔ ahemman no so, de kɔsi berɛ a Yerusalem sɛeɛ wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586), ansa na wɔrewo Yesu.
EMU NSƐM
Salomo adedie 1.1—9.31
1. Mfeɛ a ɛdi kan no 1.1-17
2. Wɔsii Asɔredan no 2.1—7.10
3. Mfeɛ a ɛdi akyire no 7.11—9.31
Atifi fam mmusuakuo atuateɛ 10.1-19
Yuda ahemfo no 11.1—36.12
Yerusalem sɛeɛ 36.13-23
Currently Selected:
2 Berɛsosɛm NHYƐNMU: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.