YouVersion Logo
Search Icon

2 Berɛsosɛm 27

27
Yotam ahennie pa
1 # 2 Ah 15.32-36, 38 Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba. 2#2 Be 26.16 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara. 3Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree. 4#2 Be 26.10 Na ɔkyekyeree nkuro nso wɔ Yuda mmepɔ so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atentene kwaeɛ mu. 5Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kor#27.5 KOR: Ne dodoɔ bɛyɛ sɛ galɔn ɔha. mpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso. 6Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim. 7Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne n’akodie ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu. 8Ɔdii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. 9Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

Currently Selected:

2 Berɛsosɛm 27: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

Video for 2 Berɛsosɛm 27