2 Berɛsosɛm 21
21
Yehoram nnisoɔ bɔne
1 #
2 Ah 8.16-22
Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ. 2Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma. 3Na wɔn agya maa wɔn akyɛdeɛ bebree, dwetɛ ne sika ne aboɔdenneɛ ne Yuda mu nkuro a ɛyɛ den bi nso, na ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram, ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan. 4Na Yehoram dii n’agya adeɛ na n’ahennie gyinaa pintinn no, ɔde nkrantɛ kunkumm ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso. 5Yehoram dii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. 6Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. 7#2 Sa 7.12; 1 Ah 11.36; Dwom 132.17 Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.
8Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene. 9Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sene kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na ɔkɔkum Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no. 10Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no. 11Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu.
12Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ, 13na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti, 14hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛha wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahodeɛ nyinaa. 15Na wo ara nso, wobɛyare. Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akɔsi sɛ yadeɛ no nti w’ayamdeɛ bɛfiri adi da biara.
16Na AWURADE hwanyann Filistifoɔ ne Arabfoɔ a wɔwɔ Etiopiafoɔ nkyɛn mu no honhom tiaa Yehoram. 17Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetee mu, na wɔfaa ahodeɛ a wɔhunuu no ɔhene fie nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas.
18Na yei nyinaa akyiri no, AWURADE de yafunu yadeɛ mu yadeɛ a ɛnni sabea bɔɔ no. 19#2 Be 16.14 Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogya#21.19 ANSƆ OGYA: Israel man mu no, na wɔsɔ gya de hyɛ ɔhene bi a wafiri mu no animuonyam. Sɛ wɔansɔ gya amma ɔhene bi a wɔafiri mu a, ɛte sɛdeɛ ɔhene awu na wɔampunu n’akonnwa wɔ Asanteman mu. biara amma no sɛ n’agyanom deɛ no. 20#2 Be 21.5; 24.25 Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.
Currently Selected:
2 Berɛsosɛm 21: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.