1 Berɛsosɛm 4
4
Yuda asefoɔ
1 #
1 Be 2.4-5
Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal. 2#1 Be 2.53 Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, yeinom ne Sorafoɔ mmusua. 3Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi; 4#1 Be 2.19 ne Penuel a ɔyɛ Gedor agya ne Eser a ɔyɛ Husa agya, yeinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma. 5Na Ashur a ɔyɛ Tekoa agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara. 6Na Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari maa no. Yeinom ne Naara mma. 7Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan. 8Na Kos woo Anub, Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua. 9Na Yabes nyaa animuonyam sene ne nuanom; na ne na too no din Yabes, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mede yea na ɛwoo no. 10#Gye 28.20 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu. 11Na Kelub, Suha nua, woo Mehir a ɔne Eston agya. 12Na Eston woo Bet-rafa, Pasea ne Tehina, Ir-Nahas agya; yeinom ne Reka nkurɔfoɔ. 13#Yos 15.17; Ate 1.13 Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat. 14Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasim#4.14 GE-HARASIM: Asekyerɛ ne: Adwumfoɔ bonhwa. agya, ɛfiri sɛ na wɔyɛ adwumfoɔ. 15#Num 13.6; 14.6 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela ba ne: Kenas. 16Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. 17Na Esra mma ne: Yeter, Mered, Efer ne Yalon; na Mered yere woo Miriam, Samai ne Yisba a na ɔyɛ Estemoa agya. 18Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma. 19Na Hodia yere a ɔyɛ Naham nuabaa mma ne: Garmini Keila agya ne Maakani Estemoa agya. 20Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet. 21#1 Be 2.3 Yuda ba Sela mma nie: Er a ɔyɛ Leka agya ne Lada a ɔyɛ Maresa agya ne Bet-asbea nwera adwumfoɔ mmusua, 22ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ efiewuranom, Moab ne Yasubi-Lehem; (na nsɛm yi yɛ adada). 23Wɔn ne nkukunwomfoɔ ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwumam hɔ na wɔteɛ.
Simeon asefoɔ
24 #
Gye 46.10
Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Sera ne Saulo; 25ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma. 26Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei. 27Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabaa nsia; na ne nuanom nni mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase ankyene sɛ Yuda mma. 28#Yos 19.2-8 Na wɔtenaa Beer-seba, Molada, Hasar-saulo, 29Bilha, Esem, Tolad, 30Betuel, Horma, Siklag, 31Bet-markabot, Hasar-susim, Bet-biri ne Saaraim. Yeinom ne wɔn nkuro bɛduruu Dawid ahennie so. 32Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum, 33ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ.
34Na Mesobab, Yamlek, Amasia ba Yosa, 35Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu, 36ne Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel, Benaia, 37ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa, 38yeinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanimfie trɛɛ pii pa ara. 39Na wɔsii mu kɔɔ deɛ wɔnam kɔ Gedor, bonhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nnwan. 40#Ate 18.7 Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham. 41#2 Ah 18.1 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan. 42Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum firii wɔn mu sii mu kɔɔ Seir bepɔ so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn anim. 43#1 Sa 15.3, 8 Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.
Currently Selected:
1 Berɛsosɛm 4: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.