1 Berɛsosɛm 24
24
Asɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no
1 #
1 Be 23.6; 6.3 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar. 2#Lew 10.1, 2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ. 3#2 Be 8.14 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɛ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu. 4Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe. 5Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu. 6#1 Be 18.16 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar.
7Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ, 8Harim deɛ tɔɔ so mmiɛnsa, Seorim deɛ, nnan, 9Malkia deɛ, nnum, Miyamin deɛ, nsia. 10#Luk 1.5 Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe, 11Yesua#24.11 YESUA: Sei na wɔtwerɛ Yosua wɔ Aramaik a ɛyɛ Hebri kasa no fa bi no mu. deɛ, nkron, Sekania deɛ, edu, 12Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu, 13Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan, 14Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia, 15Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe, 16Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu, 17Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu, 18Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan. 19Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.
Lewi mma mu atitire
20Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia. 21#1 Be 23.17-23; 26.25 Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin. 22Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat. 23Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan. 24Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir. 25Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria. 26Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno. 27Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri. 28Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma. 29Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel. 30Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ. 31#1 Be 25.8 Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.
Currently Selected:
1 Berɛsosɛm 24: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.