YouVersion Logo
Search Icon

1 Berɛsosɛm 14

14
Dawid aban, ne yerenom ne ne mma
(2 Samuel 5.11-16)
1 # 2 Sa 5.11-15 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no. 2Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so. 3Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo, 5Yibhar, Elisua, Elpelet, 6Noga, Nefeg, Yafia, 7Elisama, Beeliada ne Elifelet.
Dawid nkonimdie ahodoɔ wɔ Filistifoɔ so
(2 Samuel 5.17-25)
8Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn. 9Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu. 10Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. 11Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.#14.11 BAAL-PERASIM: Asekyerɛ ne: Mpaemu Wura. 12#Deut 7.5, 25 Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.
13Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu. 14Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so. 15Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no. 16Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser. 17Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.

Currently Selected:

1 Berɛsosɛm 14: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in