1
1 Korintofoɔ 2:9
Apam Foforɔ
BBTP
Nso sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Deɛ ani biaa nhuu da, anaa aso ntee da, na nnipa akoma nwenee ho, deɛ Nyankopɔn asiesie ama bɛ a bɛdɔ no,”
Compare
Explore 1 Korintofoɔ 2:9
2
1 Korintofoɔ 2:14
Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.
Explore 1 Korintofoɔ 2:14
3
1 Korintofoɔ 2:10
nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu.
Explore 1 Korintofoɔ 2:10
4
1 Korintofoɔ 2:12
Na yɛ deɛ, ɔnyɛ wiase honhom ne yɛanya, na mmom honhom a ofiri Nyankopɔn mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛte akyɛdeɛ a Nyankopɔn de ama yɛ he ase.
Explore 1 Korintofoɔ 2:12
5
1 Korintofoɔ 2:4-5
Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu, na amma ho gyidie fapem annyina nnipa nyansa so na mmom, ama no agyina Nyankopɔn tumi so.
Explore 1 Korintofoɔ 2:4-5