nanso sɛ mete ase na AWURADE anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi, mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa, ampa ara, wɔrenhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no, na wɔn a wɔatew me ahi no mu biara nso renhu.