1
Numeri 13:30
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn.
Compare
Explore Numeri 13:30
2
Numeri 13:33
na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.
Explore Numeri 13:33
3
Numeri 13:31
Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn.
Explore Numeri 13:31
4
Numeri 13:32
Na wɔmaa asase a wɔkɔsrae no ho atenka bɔne trɛw Israelfo no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsrae no yɛ asase a edi ɛsotefo, na nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko
Explore Numeri 13:32
5
Numeri 13:27
Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn so no so, na ɛsen nufusu ne ɛwo ampa, na ɛso aba ni.
Explore Numeri 13:27
6
Numeri 13:28
Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ.
Explore Numeri 13:28
7
Numeri 13:29
Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.
Explore Numeri 13:29
8
Numeri 13:26
Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfo asafo no nyinaa nkyɛn Paran sare so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn.
Explore Numeri 13:26