1
Yakobo 5:16
KYERƐW KRONKRON
RATB
Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.
Compare
Explore Yakobo 5:16
2
Yakobo 5:13
Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom.
Explore Yakobo 5:13
3
Yakobo 5:15
Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.
Explore Yakobo 5:15
4
Yakobo 5:14
Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo Awurade din mu.
Explore Yakobo 5:14
5
Yakobo 5:20
onhu sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye ɔkra afi owu mu, na wakata bɔne pii so.
Explore Yakobo 5:20
Home
Bible
Plans
Videos