1
Yakobo 4:7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.
Compare
Explore Yakobo 4:7
2
Yakobo 4:8
Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!
Explore Yakobo 4:8
3
Yakobo 4:10
Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.
Explore Yakobo 4:10
4
Yakobo 4:6
Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.
Explore Yakobo 4:6
5
Yakobo 4:17
Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
Explore Yakobo 4:17
6
Yakobo 4:3
Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.
Explore Yakobo 4:3
7
Yakobo 4:4
Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.
Explore Yakobo 4:4
8
Yakobo 4:14
Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.
Explore Yakobo 4:14
Home
Bible
Plans
Videos