1
Hebrifo 13:5
KYERƐW KRONKRON
RATB
Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.
Compare
Explore Hebrifo 13:5
2
Hebrifo 13:8
Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.
Explore Hebrifo 13:8
3
Hebrifo 13:6
Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: Awurade ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?
Explore Hebrifo 13:6
4
Hebrifo 13:16
Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.
Explore Hebrifo 13:16
5
Hebrifo 13:15
Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.
Explore Hebrifo 13:15
6
Hebrifo 13:4
Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.
Explore Hebrifo 13:4
7
Hebrifo 13:2
Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.
Explore Hebrifo 13:2
8
Hebrifo 13:20-21
Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no, onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.
Explore Hebrifo 13:20-21
Home
Bible
Plans
Videos