1
Gyenesis 41:16
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Yosef buaa Farao sɛ: Enni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuae pa mma Farao.
Compare
Explore Gyenesis 41:16
2
Gyenesis 41:38
Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?
Explore Gyenesis 41:38
3
Gyenesis 41:39-40
Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ Onyankopɔn ayi eyi nyinaa akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafo sɛ wo. Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo.
Explore Gyenesis 41:39-40
4
Gyenesis 41:52
Na ɔtoo nea ɔto so abien no din Efraim, efisɛ ose: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m'amanehunu asase yi so.
Explore Gyenesis 41:52
5
Gyenesis 41:51
Na Yosef too abakan no din Manase, efisɛ ose: Onyankopɔn ama me werɛ afi m'amane ne m'agya fi nyinaa.
Explore Gyenesis 41:51