1
Galatifo 6:9
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.
Compare
Explore Galatifo 6:9
2
Galatifo 6:10
Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.
Explore Galatifo 6:10
3
Galatifo 6:2
Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.
Explore Galatifo 6:2
4
Galatifo 6:7
Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.
Explore Galatifo 6:7
5
Galatifo 6:8
Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.
Explore Galatifo 6:8
6
Galatifo 6:1
Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.
Explore Galatifo 6:1
7
Galatifo 6:3-5
Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ bere ko a ɔnyɛ obiara a, ɔdaadaa ne ho. Na ma obiara nsɔ ɔno ara adwuma nhwɛ, ɛno na obenya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.
Explore Galatifo 6:3-5
Home
Bible
Plans
Videos