Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaepaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni no.