Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu.