Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho! Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa? Na ose: Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.