1
Mateo 4:4
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.
Compare
Explore Mateo 4:4
2
Mateo 4:10
Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.
Explore Mateo 4:10
3
Mateo 4:7
Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!
Explore Mateo 4:7
4
Mateo 4:1-2
Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.
Explore Mateo 4:1-2
5
Mateo 4:19-20
Na osee wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo. Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi.
Explore Mateo 4:19-20
6
Mateo 4:17
Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.
Explore Mateo 4:17
Home
Bible
Plans
Videos