1
Mateo 3:8
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.
Compare
Explore Mateo 3:8
2
Mateo 3:17
Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.
Explore Mateo 3:17
3
Mateo 3:16
Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.
Explore Mateo 3:16
4
Mateo 3:11
Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.
Explore Mateo 3:11
5
Mateo 3:10
Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.
Explore Mateo 3:10
6
Mateo 3:3
Na oyi ne nea Odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade akwan! Momma n’atempɔn nteɛ!
Explore Mateo 3:3
Home
Bible
Plans
Videos