1
Sefania 3:17
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
AWURADE wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Compare
Explore Sefania 3:17
2
Sefania 3:20
Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ AWURADE ka nie.
Explore Sefania 3:20
3
Sefania 3:15
Ɛfiri sɛ, AWURADE ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. AWURADE Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
Explore Sefania 3:15
4
Sefania 3:19
Saa ɛberɛ no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; Mɛgye mmerɛyɛfoɔ na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.
Explore Sefania 3:19
Home
Bible
Plans
Videos