Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ,
“Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba!
Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!
Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,
ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a
ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,
wɔapam no afiri soro no.